Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 91
Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea
bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.
Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,
me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”
Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu
ne owuyadeɛ mu.
Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;
na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea;
ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.
Worensuro anadwo mu ahunahuna,
anaa bɛmma a ɛtu awia,
anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu,
anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.
Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,
na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa,
nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.
Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ
na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.
Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea,
mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,
ɔhaw biara remma wo so,
na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.
Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no
abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;
wɔde wɔn nsa bɛpagya wo,
na wo nan rensunti ɔboɔ.
Wobɛtiatia agyata ne aprammire so,
wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.
Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no;
mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.
Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so;
mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,
mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.
Mɛma nkwa nna a ɛware amee no
na makyerɛ no me nkwagyeɛ.”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.