Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 92

Dwom a wɔto no Homeda.

Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,

na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa

ne wo nokorɛ anadwo,

wɔ ahoma edu sankuo so

ne sankuten nnwom mu.

Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye;

mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.

Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ,

na wo nyansa mu dɔ!

Ogyimifoɔ nnim

na nkwaseafoɔ nte aseɛ,

amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ

na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.

Ao Awurade ampa ara,

wʼatamfoɔ bɛyera;

na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.

Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ;

woahwie ngohwam papa agu me so.

Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi,

mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.

Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua,

wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;

deɛ wɔadua wɔ Awurade fie,

wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ.

Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono,

de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔteneneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.