Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 90

NWOMA A ƐTƆ SO NNAN

Nnwom 90–106

Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ.

Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ

anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no,

na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.

Woma adasamma sane dane mfuturo,

ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.”

Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ

da koro a abɛsene seesei,

anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi.

Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu;

wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa,

ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ,

nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam.

Yɛresa wɔ wʼabofuo ano

na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu.

Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim,

na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.

Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu;

na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ.

Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson,

anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;

na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.

Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi?

Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.

Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛanya nyansa akoma.

Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn?

Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ.

Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu,

na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu.

Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,

sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no.

Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ

na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam.

Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn

aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.