Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 96
Monto dwom foforɔ mma Awurade;
asase nyinaa monto dwom mma Awurade.
Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din;
mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.
Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu,
monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.
Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie;
ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.
Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,
nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.
Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;
ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.
Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,
momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.
Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;
momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.
Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;
asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.
Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.”
Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim;
ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.
Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie;
momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;
momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose.
Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;
wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba,
ɔreba abɛbu asase no atɛn.
Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn
na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.