Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 95

Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade;

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.

Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,

na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.

Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ,

ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.

Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,

na mmepɔ mpampam wɔ no.

Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ,

na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.

Mommra mma yɛnkoto nsom no.

Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!

Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn;

yɛyɛ nʼadidibea nnipa,

ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so.

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no,

sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no,

Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ,

a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.

Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan

na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,

na wɔanhunu mʼakwan.”

Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,

“Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.