Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 97
Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye;
ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho.
Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia;
tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.
Ogya di nʼanim
na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.
Nʼanyinam hran ewiase;
asase ahunu, na ne ho popo.
Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim,
Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.
Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ
na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.
Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase,
wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no,
anyame nyinaa monsɔre no.
Sion te, na ne ho sɛpɛ no
na Yuda nkuraase ani gye
Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.
Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;
wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.
Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne,
ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban
na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.
Hann to gu teneneefoɔ so
na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so.
Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa,
na monkamfo ne din kronkron no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.