Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 53

Dawid dwom.

Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ,

“Onyankopɔn bi nni hɔ.”

Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ.

Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam

sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a

wɔwɔ nteaseɛ,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

Obiara amane;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne;

wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa;

ɔbaako mpo nni hɔ.

Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa?

Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane.

Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.

Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa!

Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ.

Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu;

wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.

Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!

Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.

Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.