Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 52
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no.
Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?
Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,
wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ;
ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe.
Wo a wotwa nkontompo nko ara.
Wʼani gye bɔne ho sene papa,
wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.
Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,
Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!
Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo;
ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu;
Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.
Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro;
wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,
“Hwɛ, onipa no nie
deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden
na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so
na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”
Nanso, mete sɛ ngo dua a
ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie:
mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so
daa nyinaa.
Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti;
wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ.
Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.