Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 54
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.”
Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;
fa wo tumi di mʼasɛm ma me.
Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ;
tie mʼanom nsɛm.
Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so.
Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me;
nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;
Awurade ne me hwɛfoɔ.
Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so;
wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.
Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo;
Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ,
ɛfiri sɛ ɛyɛ.
Woagye me afiri me haw nyinaa mu,
na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.