Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 46

Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so.

Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.

Enti sɛ asase ani dane butu

na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,

sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru

na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.

Asutene bi wɔ hɔ a

ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,

beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.

Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;

Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase;

ɔma ne nne so ma asase nane.

Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho.

Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,

ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.

Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano.

Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea;

ɔde ogya hye nkataboɔ.

Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn;

wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,

wɔbɛma me so wɔ asase so.

Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho;

Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.