Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 45

Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom.

Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma

ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;

me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.

Wodi mu wɔ mmarima mu

na wɔde adom bi asra wʼano,

ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.

Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ;

fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.

Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so

wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;

ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.

Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu;

na ma amanaman nhwe wo nan ase.

Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa;

tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.

Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne.

Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.

Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa;

sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu

ma wʼani gye.

Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho;

wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie;

ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.

Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;

di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.

Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba;

mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ

wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.

Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene;

ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi

na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu;

wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.

Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu

wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu;

ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.