Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 27
Dawid dwom.
Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ;
hwan na mensuro no?
Awurade ne me nkwa ahoɔden,
na hwan anim na me ho mpopoɔ?
Sɛ nnipa bɔne toa me
pɛ sɛ wɔkum me a,
sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a
wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase.
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,
mʼakoma rentu;
mpo sɛ wɔtu me so sa a,
ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.
Adeɛ baako na mebisa Awurade;
na ɛno na mehwehwɛ;
sɛ mɛtena Awurade fie
me nkwa nna nyinaa,
na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ
na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.
Wɔ hia ɛda mu no
ɔde me sie nʼatenaeɛ;
ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.
Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.
Afei ɔbɛma me tiri so
wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so;
mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu;
na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me!
Hu me mmɔbɔ na gye me so!
Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!”
Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ.
Mfa wʼanim nhinta me,
mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ
me ɔboafoɔ ne wo.
Mpo me na nnya me,
Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ,
nanso Awurade bɛgye me.
Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade;
fa me fa ɛkwan tee so,
me nhyɛsofoɔ enti.
Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ,
adansekurumfoɔ sɔre tia me
na wɔpu awurukasɛm.
Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ:
mɛhunu Awurade ayamyɛ
wɔ ateasefoɔ asase so.
Twɛn Awurade.
Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru
na twɛn Awurade.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.