Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 28
Dawid dwom.
Wo na mesu mefrɛ wo,
Ao Awurade me Botan;
nsi wʼaso wɔ me enti.
Sɛ woyɛ komm a,
mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.
Tie me mmɔborɔ su
ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa
ɛberɛ a mema me nsa so
kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ
wɔn a wɔyɛ bɔne no.
Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ
nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.
Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so;
wɔn adwuma bɔne no so;
tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka
na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.
Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ
ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti,
ɔbɛbrɛ wɔn ase
na ɔremma wɔnnsɔre bio.
Ayɛyie nka Awurade,
ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.
Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;
mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.
Mʼakoma di ahurisie
na mede dwomtoɔ bɛda no ase.
Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ;
ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.
Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ;
yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.