Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 146
Monkamfo Awurade.
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa;
mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.
Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,
adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.
Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu,
saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.
Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn,
deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ,
ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa
Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.
Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.
Awurade gyaa nneduafoɔ,
Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ.
Awurade pagya wɔn a wɔakom.
Awurade dɔ teneneefoɔ.
Awurade hwɛ ahɔhoɔ so
na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ,
na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani.
Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa,
wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
Monkamfo Awurade.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.