Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 147
Monkamfo Awurade.
Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn,
ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!
Awurade kyekyere Yerusalem;
Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.
Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ
na ɔkyekyere wɔn akuro.
Ɔnim nsoromma no dodoɔ
na ɔde obiara din frɛ no.
Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ;
yɛrente nʼase nwie.
Awurade wowa ahobrɛasefoɔ
na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.
Monto aseda nnwom mma Awurade.
Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.
Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;
ɔde osutɔ ma asase
ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.
Ɔma anantwie aduane
na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.
Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ
na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.
Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no,
wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.
Momma Awurade so, Ao Yerusalem;
kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,
ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den
na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.
Ɔma wʼahyeɛ so dwo
na ɔde ayuo amapa ma wo.
Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so;
nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.
Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi,
na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.
Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea.
Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?
Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no;
ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.
Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,
ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.
Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara;
wɔnnim ne mmara.
Monkamfo Awurade!
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.