Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 145
Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.
Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;
mɛkamfo wo din daa daa.
Ɛda biara, mɛkamfo wo;
na mama wo din so daa daa.
Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;
obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.
Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;
wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.
Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,
na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.
Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;
na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.
Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,
na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;
ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
Awurade yɛ ma obiara;
na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.
Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;
na wʼahotefoɔ bɛma wo so.
Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm
na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ
ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.
Wʼahennie yɛ daa ahennie,
na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,
na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase
na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,
na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.
Wobue wo nsam
na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.
Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;
na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.
Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.
Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;
ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.
Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,
nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
Mʼano bɛkamfo Awurade.
Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no
daa daa.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.