Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 115

Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛn

na wo din na animuonyam nka,

wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.

Adɛn enti na aman no bisa sɛ,

“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”

Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro;

deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.

Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a

wɔde onipa nsa na ayɛ.

Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa;

wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.

Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;

wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.

Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;

Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante.

Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu.

Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,

saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.

Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn:

Ɔbɛhyira Israel fie,

ɔbɛhyira Aaron fie

Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade,

nkumaa ne akɛseɛ nyinaa.

Awurade mma wʼase nnɔre,

wo ne wo mma.

Awurade nhyira wo,

ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.

Ɔsorosoro yɛ Awurade dea,

nanso asase deɛ, ɔde ama onipa.

Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade,

wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade.

Yɛn na yɛma Awurade so

ɛnnɛ ne daa nyinaa.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.