Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 114

Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim,

na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,

Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea

na Israel bɛyɛɛ nʼahemman.

Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ,

Yordan sanee nʼakyi;

Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini

nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa.

Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ,

Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,

mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini,

na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa?

Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,

wɔ Yakob Onyankopɔn anim,

ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura,

na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.