Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 116

Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne.

Ɔtee me mmɔborɔhunu su.

Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti,

mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.

Owuo nhoma kyekyeree me,

ɛda ho ahometeɛ baa me so,

ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.

Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,

“Ao Awurade, gye me nkwa!”

Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;

ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.

Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;

ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.

Nya abotɔyam bio, Ao me kra,

ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.

Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;

woamma mʼani amporo nisuo,

na woamma me nan ansunti,

sɛ mɛnante Awurade anim

wɔ ateasefoɔ asase so.

Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,

“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”

Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,

“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”

Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka

wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?

Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so

na mabɔ Awurade din.

Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so

wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.

Nʼahotefoɔ wuo

yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.

Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;

meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;

wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.

Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo

na mabɔ Awurade din.

Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so

wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,

wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie

wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.