Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom Mu Dwom 2

Ababaawa:

Meyɛ Saron nhwiren1

ne bɔnhwa mu sukooko.

Aberanteɛ:

Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ no

saa ara na me dɔfoɔ te wɔ mmabaawa mu.

Ababaawa:

Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no

saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu.

Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka

na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.

Ɔde me akɔ apontoɔ ase,

na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ.

Momma me bobe aba na menya ahoɔden,

momma me aprɛ na ɛnnwodwo me,

ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.

Ne nsa benkum da mʼatikɔ,

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,

Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ

morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu

kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Tie! Me dɔfoɔ!

Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,

ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no so

na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so.

Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ.

Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,

ɔhwɛ mpomma no mu,

wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.

Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ,

“Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ

na bra me nkyɛn.

Hwɛ! Awɔberɛ atwam;

na osutɔ atwam kɔ.

Nhwiren afifiri asase ani:

nnwontoɔ berɛ aso.

Wɔte mmorɔnoma su

wɔ yɛn asase so.

Borɔdɔma agu nhyerɛnne;

na bobe hwa agye baabiara.

Sɔre bra, me dɔfoɔ;

mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”

Aberanteɛ:

Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu

ahinta wɔ mmepɔ so,

ma me nhunu wʼanim;

ma mente wo nne;

wo nne yɛ dɛ,

na wʼanim yɛ fɛ.

Monkyekyere sakraman no mma yɛn,

sakraman nketewa no

a wɔsɛe bobe nturo,

yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.

Ababaawa:

Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no;

ɔhwehwɛ sukooko no mu.

Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkye

na sunsumma bɛsene akɔ no,

dane wo ho me dɔfoɔ,

na yɛ sɛ ɔtwewa

anaa ɔforoteɛ a

ɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.

Source notes (1)
  1. Footnote Yɛhunu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafoɔ fam.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.