Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom Mu Dwom 1

Salomo nnwom mu dwom.

Ababaawa:

Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,

ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.

Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka

wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!

Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.

Nnamfonom

Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.

Ababaawa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,

Ao, Yerusalem mmammaa,

mobiri te sɛ Kedar ntomadan,

te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!

Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,

ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.

Memaa mmammarima bo fuu me

enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.

Kyerɛ me me dɔfoɔ,

faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi

na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim

wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?

Nnamfonom

Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,

fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so

na fa wo mpapo mma kɔ adidi

wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Aberanteɛ:

Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ

a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.

Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaawa:

Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,

nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.

Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo1 toa

a ɛda me nufu ntam.

Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm

wɔ En-Gedi2 bobe turo mu.

Aberanteɛ:

Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.

Ababaawa

Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.

Aberanteɛ:

Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;

yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.

Source notes (2)
  1. Footnote Krobo yɛ aduhwam bi a wɔnya firi “balsam” dua a ebi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ hwam.
  2. Footnote En-Gedi yɛ kwaeɛ a ɛwɔ ɛserɛ so wɔ Nkyene Po atɔeɛ fam a afifideɛ a ɛyɛ hwam bebree wɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.