Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 75
Asaf dwom.
Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase,
yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn;
nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.
Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no;
ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.
Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a,
me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’
na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.
Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;
mommfa animtiabuo nkasa.’ ”
Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ
anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.
Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn:
Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.
Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam
nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma;
ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa
nom ma ɛka aseɛ puo.
Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa;
mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.
Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn,
nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.