Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 74

Asaf dwom.

Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi?

Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?

Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no,

abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no,

Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ.

Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so,

saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no.

Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no;

wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.

Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua

de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.

Wɔde wɔn mmonnua ne nname

bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.

Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee;

wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi.

Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”

Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.

Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio;

adiyifoɔ no nyinaa asa,

na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie.

Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn?

Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa?

Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?

Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn.

Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete;

wode nkwagyeɛ ba asase so.

Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no;

wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti.

Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti

na wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane.

Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ;

na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ.

Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea;

wode owia ne ɔsrane sisii hɔ.

Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa;

wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ.

Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ,

sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi.

Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;

mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ.

Ma wʼapam no ho nhia wo,

ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma.

Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase;

ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.

Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;

kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa.

Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so,

wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.