Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 67
Dwom.
Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn
ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so,
ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.
Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom,
ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu
na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ,
na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.
Onyankopɔn bɛhyira yɛn,
na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.