Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 66

Dawid dwom.

Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!

Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom;

momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!

Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa

wo tumi so

na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.

Asase nyinaa koto wo;

wɔto ayɛyi dwom ma wo,

wɔto dwom kamfo wo din.”

Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ;

anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee;

wɔnante twaa asuo no.

Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.

Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,

na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.

Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.

Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,

momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.

Wahwɛ yɛn nkwa so

na wamma yɛn nan anwatiri.

Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ;

na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.

Wode yɛn kɔguu nneduadan mu

na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.

Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so;

yɛfaa ogya ne nsuo mu,

nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.

Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu

na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,

ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ

ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.

Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo

nnwennini ayɛyɛdeɛ;

mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.

Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa;

momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.

Mede mʼano su frɛɛ no;

na me tɛkrɛma yii no ayɛ.

Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a,

anka Awurade antie me.

Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me,

wate me mpaeɛbɔ.

Nhyira nka Onyankopɔn,

a wampo me mpaeɛbɔ

na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.