Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 57

Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu.

Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ,

na wo mu na me kra nya dwanekɔbea.

Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea

kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.

Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;

Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa,

ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim;

Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.

Agyata atwa me ho ahyia;

meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu,

nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma

na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.

Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;

ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie,

ahohiahia brɛɛ me ase.

Wɔtuu amena wɔ me kwan mu,

nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn,

mʼakoma nhinhim;

mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

Me kra nyane!

Sankuo ne bɛnta, monnyane!

Me nso mɛnyane anɔpahema.

Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu;

mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu.

Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro;

wo nokorɛ kɔka ewiem.

Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;

ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.