Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 56
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no.
Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so;
da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.
Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;
wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.
Sɛ mebɔ hu a,
mede me ho bɛto wo so.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.
Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?
Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne;
ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.
Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ,
wɔhwɛ mʼanammɔntuo,
na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.
Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni;
Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.
Twerɛ me kwadwom to hɔ;
sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu.
Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?
Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a,
mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi.
Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.
Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?
Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase,
mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.
Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu,
woamma me nan ansunti,
sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim
wɔ nkwa hann mu.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.