Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 33

Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ,

ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ.

Momfa sankuo nkamfo Awurade;

monto dwom mma no wɔ sankuten so.

Monto dwom foforɔ mma no.

Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!

Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ

ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu.

Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee.

Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,

nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.

Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo;

na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ.

Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade;

na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no.

Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu

na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn.

Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ;

ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa.

Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa,

nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ.

Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade,

nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no.

Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro.

Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma,

enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa.

Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no;

ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi.

Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;

nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,

wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu

na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.

Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade;

ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.

Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,

ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade,

sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.