Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 32
Dawid dwom.
Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu ne so,
na nnaadaa nni ne honhom mu.
Ɛberɛ a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛ
apinie a mesii no da mu nyinaa enti.
Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden saeɛ
sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.
Afei, megyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumuyɛ so.
Mekaa sɛ, “Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,”
na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.
Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ
ɛberɛ a wɔhunu woɔ;
ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,
ɛrenka no.
Wone me hintabea;
wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu
na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.
Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ
mɛtu wo fo na mahwɛ wo so.
Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a
ɔnni nteaseɛ enti
wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no
sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso,
nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no,
ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ;
monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.