Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 13
Dawid dwom.
Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa?
Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?
Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ
na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa?
Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?
Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn.
Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.
Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.”
Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.
Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;
mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu.
Mɛto dwom ama Awurade,
ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.