Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 12
Dawid dwom.
Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa;
nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.
Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko;
wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
Ma Awurade ntwa nnaadaa ano
ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;
wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;
yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”
“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no
ne ohiani apenesie no enti,
mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ.
“Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”
Awurade asɛm yɛ nokorɛ
te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,
na wɔahoa ho mprɛnson.
Ao Awurade, wobɛkora yɛn
na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,
abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ
ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.