Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 126
Ɔsoroforɔ dwom.
Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,
yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.
Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,
anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.
Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,
“Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”
Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn
na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.
Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,
te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.
Wɔn a wɔdua no nisuo mu no
de anigyeɛ nnwom bɛtwa.
Deɛ ɔde osu firi adie
na ɔsoa aba kɔdua no,
ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba
a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.