Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 125
Ɔsoroforɔ dwom.
Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion,
a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.
Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,
saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia
seesei ne daa.
Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a
wɔde ama teneneefoɔ so.
Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ
nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,
wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.
Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ,
Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.
Asomdwoeɛ nka Israel.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.