Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 10

Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa?

Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?

Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ,

wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.

Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho;

ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.

Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade;

na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.

Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie;

ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho;

na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.

Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim;

mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”

Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;

Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.

Ɔtɛ wɔ nkuraase;

ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee,

na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.

Ɔte sɛ gyata a wahinta;

ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;

ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.

Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha;

na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi;

wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.”

Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn.

Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.

Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi?

Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ,

“Ɔremfrɛ me akontabuo so?”

Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw;

na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.

Mmɔborɔni de ne ho ma wo;

wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.

Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ;

frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa,

amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.

Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;

amanaman no bɛyera nʼasase so.

Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ;

wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,

na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so

renhunahuna obiara bio.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.