Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mose 25

Moabfoɔ Daadaa Israelfoɔ

Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Sitim no, wɔn mu mmarima no bi hyɛɛ aseɛ ne Moab mmabaawa no bɔɔ adwaman de guu wɔn ho fi. Saa mmabaawa yi too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn anyame no ase. Ankyɛre biara, mmarima no kɔɔ wɔn apontoɔ ase na wɔsomm Moab anyame. Ɛberɛ tiawa bi akyi, Israelfoɔ no nyinaa kɔsom Baal-peor a ɔyɛ Moabfoɔ nyame. Yei maa Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ no yie.

Ɔhyɛɛ saa mmara yi maa Mose sɛ, “Kunkum mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no nyinaa. Sɛn wɔn wɔ Awurade anim awia ketee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo a ano yɛ den no bɛfiri wɔn so.”

Enti, Mose hyɛɛ atemmufoɔ no ma wɔkunkumm wɔn a wɔsomm Baal-peor no nyinaa.

Nanso, Israelni ɔhantanni bi de Midiani ababaawa bi baa wɔn atenaeɛ hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa hunuu no ɛberɛ a na wɔn nyinaa gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono akyi retwa adwo no. Ɛberɛ a Pinehas a ɔyɛ Eleasa babarima a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana hunuu yei no, ɔhuri sɔɔ pea mu taa saa ɔbarima no so de no kɔwuraa ne ntomadan mu baabi a ɔfaa ɔbaa no. Ɔde pea no wowɔɔ ɔbarima no sane de wɔɔ ɔbaa no yafunu mu. Enti, ɔhaw no to twaa wɔ Israelfoɔ no mu, nanso ɛkɔsi saa ɛberɛ no, na nnipa mpem aduonu ɛnan awuwu dada.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ mmɔden te sɛ me ara wɔ mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae. Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam. Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu wɔ Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn.”

Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima. Ɔbaa no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babaa.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “To hyɛ Midianfoɔ no so na sɛe wɔn, ɛfiri sɛ, wɔfaa mo sɛ atamfoɔ, na wɔdaadaa mo ma mosomm Baal-peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babaa a wɔkumm no wɔ Peor ɔyaredɔm ɛda no.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.