Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mose 24

Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so, hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so, na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ,

Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.

“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,

te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho.

Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua,

te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.

Wɔbɛnya nsuo bebree.

Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa.

“Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;

wɔn ahennie bɛkorɔn.

“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;

ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.

Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,

ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,

ɔto bɛmma wowɔ wɔn.

Israel butu hɔ sɛ gyata;

ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?

“Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,

na nnome nka obiara a ɔdome wo.”

Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ, ‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka. Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛdi Akyire No

Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;

mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri.

Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!

Ahempoma bɛfiri Israel mu.

Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,

na wapaapae Moab mma tikwankora.

Wɔbɛfa Edom,1

na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so adi nkonim.

Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Enum

Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ,

“Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan,

nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nsia

Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ,

“Mo atenaeɛ yɛ pa ara,

wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu.

Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ

ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nson

Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ:

“Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?

Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba

Na abɛka Eber2 ne Asur ahyɛ.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.

Source notes (2)
  1. Footnote Edomfoɔ yɛ Esau asefoɔ.
  2. Footnote Eber asefoɔ yɛ Hebrifoɔ ( 1 Be 25–27 ).

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.