Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Mika 1
Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika1 ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.
Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,
montie, asase ne mo a mote so nyinaa.
Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,
ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.
Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem
Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;
ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.
Mmepɔ nane wɔ nʼase,
mmɔnhwa mu paepae
te sɛ ama a aka ogya,
te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.
Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,
ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.
Yakob nnebɔne ne sɛn?
Ɛnyɛ Samaria anaa?
Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?
Ɛnyɛ Yerusalem anaa?
“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.
Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu
ama ne fapem ho ada hɔ.
Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;
wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.
Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.
Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa
ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti
wɔde bɛma adwamanfoɔ.”
Osu Ne Awerɛhoɔ
Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;
mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.
Mɛpɔ so sɛ odompo
na masu sɛ ɔpatuo.
Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;
abɛduru Yuda.
Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano
mpo aduru Yerusalem ankasa.
Monnka no wɔ Gat
monnsu koraa
Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ
monyantam mfuturo mu.
Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,
mo a mote Safir.
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue
Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;
ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.
Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu
de twɛn mmoa,
ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba
abɛduru Yerusalem ɛpono ano.
Mo a mote Lakis,
monsiesie nteaseɛnam no.
Mo ne bɔne farebae
ma Ɔbabaa Sion,
na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.
Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,
Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.
Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo
mo a mote Maresa.
Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no
bɛba Adulam.
Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;
mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn
akɔ nnommumfa mu.
Source notes (1)
- Footnote Mika asekyerɛ ne “Hwan na ɔte sɛ Awurade.” Samaria ne Yerusalem: Saa nkuropɔn mmienu yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmuo a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman mmienu no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.