Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Yona 4
Yona Abufuo Wɔ Awurade Ahummɔborɔ Ho
Yona bo annwo koraa, na ne bo fuiɛ. Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee sɛ medwane akɔ Tarsis no, ɛfiri sɛ na menim sɛ, woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ bɔne amanehunu ho. Enti Ao Awurade! Gye me nkwa firi me nsɛm. Ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”
Na Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ wo bo fu saa asɛm yi ho anaa?”
Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so. Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho. Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ. Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.”
Onyankopɔn bisaa Yona sɛ, “Ɛyɛ sɛ wofa abufuo wɔ dua no ho anaa?”
Yona buaa sɛ, “Aane, me bo afu, na sɛ mɛwu a anka mepa.”
Na Awurade kaa sɛ, “Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm. Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wɔnnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn kɛseɛ yi ho asɛm ha me anaa?”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.