Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Hiob 5
“Wopɛ a frɛ, na hwan na ɔbɛgye wo soɔ?
Akronkronfoɔ no mu hwan nkyɛn na wobɛkorɔ?
Ahisɛm kum ɔkwasea,
na anibereɛ kum atetekwaa.
Mʼankasa mahunu ɔkwasea a ɔrefefɛ,
nanso, mpofirim, wɔdomee ne fie.
Ne mma ne banbɔ ntam ɛkwan ware,
wɔdwerɛ wɔn wɔ asɛnniiɛ a wɔnnya ɔkamafoɔ.
Deɛ ɛkɔm de noɔ no di ne nnɔbaeɛ,
na ɔfa firi nkasɛɛ mu mpo,
na deɛ osukɔm de noɔ no pere di nʼahodeɛ akyi.
Ahokyere mmpue mfiri dɔteɛ mu
na ɔhaw nso mmpue mfiri fam.
Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu
mpɛn dodoɔ a ogyaframa turi kɔ ɔsoro.
“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn;
na mede mʼasɛm ato nʼanim.
Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu,
ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.
Ɔtɔ nsuo gu asase so;
na ɔde kɔ wira mu.
Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn,
na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ.
Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ,
ma wɔn nsa si fam.
Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu,
na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.
Esum duru wɔn awia ketee;
na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo.
Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu;
ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu.
Enti, ahiafoɔ wɔ anidasoɔ,
na ntɛnkyea ka nʼano to mu.
“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no,
enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa.
Ɛfiri sɛ, ɔno na ɔpira na ɔno ara akyekyere;
ɔpira nanso ne nsa sa yadeɛ.
Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu;
nson so, a bɔne biara renka wo.
Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu,
na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano.
Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho
na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro.
Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm;
na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa.
Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam,
na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu.
Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ;
na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ.
Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;
na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ.
Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu,
te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu.
“Yɛahwehwɛ yei mu, na ɛyɛ nokorɛ
ɛno enti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.