Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hiob 4

Elifas Mmuaeɛ A Ɛdi Ɛkan

Na Temanni Elifas buaa Hiob sɛ,

“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboaseɛ mma no anaa?

Hwan na wɔbɛtumi aka nʼano ato mu?

Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,

sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.

Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔasunti no den;

woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ mu den.

Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;

aba wo so, na wo ho adwiri wo.

Wo nyamesuro mma wo ahotosoɔ anaa,

na wʼakwan a ɛho nni asɛm mma wo anidasoɔ anaa?

“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn anaa?

Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?

Sɛdeɛ mahunu no, wɔn a wɔfɛntɛm bɔne

ne wɔn a wɔdua ɔhaw no, wɔtwa so aba.

Sɛ Onyankopɔn home a, wɔsɛe;

nʼabufuo ma wɔyera.

Agyata bɛtumi abobom na wɔapɔ so,

nanso wɔbɛbubu gyata akɛseɛ no se.

Gyata annya haboa a ɔwu,

na gyatabereɛ mma no bɔ hwete.

“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me

na mʼaso tee no sɛ asomusɛm.

Wɔ anadwo daeɛso basabasa mu,

ɛberɛ a nnipa adeda nnahɔɔ no,

ehu ne nketenkete kyeree me.

Ɛmaa me nnompe nyinaa wosoeɛ.

Honhom bi twaa mʼani so,

na me ho nwi sɔre gyinaeɛ.

Ɛgyinaeɛ,

nanso, manhunu nʼabɔsuo.

Biribi bɛgyinaa mʼanim,

na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa sɛ,

‘Onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn?

Onipa bɛtumi ayɛ kronn asene ne Yɛfoɔ anaa?

Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfoɔ so,

na sɛ ɔka nʼabɔfoɔ mpo anim a,

hwan ne onipa a wɔde dɔteɛ anwene no,

a ne fapem sisi mfuturo mu

na wɔdwerɛ no ntɛm so sene abubummabaa?

Ɛfiri anɔpahema kɔsi anwummerɛ wɔbubu wɔn mu nketenkete;

na wɔyera korakora a obiara nhunu wɔn bio.

Wɔtete wɔn ntomadan nhoma mu,

ɛno enti wɔwuwu a wɔnnim.’

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.