Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 46

Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so.

Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.

Enti sɛ asase ani dan butuw,

na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,

sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru

na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.

Asuten bi wɔ hɔ a

ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu,

beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.

Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;

Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase;

ɔma ne nne so ma asase nan.

Asafo Awurade ka yɛn ho.

Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.

Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,

ɔsɛe a ɔde aba asase no so.

Ɔma akodi gyae kosi asase ano.

Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw;

ɔde ogya hyew nkatabo.

Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn;

wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,

wɔbɛma me so wɔ asase so.

Asafo Awurade ka yɛn ho;

Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.