Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 121:1

Verse 1 is marked below, with the whole chapter around it. Read from the start

Ɔsoroforo dwom.

Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,

ɛhe na me mmoa fi bɛba?

Me mmoa fi Awurade,

ɔsoro ne asase yɛfo no.

Ɔremma wo nan nwatiri,

nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no

rentɔ nko na ɔrenna.

Awurade hwɛ wo so;

Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;

Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,

na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.

Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so

mprempren ne daa.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.