Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Nnwom 120
Ɔsoroforo dwom.
Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,
na ogye me so.
Awurade, gye me fi atoro ano,
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
Dɛn na ɔbɛyɛ wo,
na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?
Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam
ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.
Nnome nka me sɛ metena Mesek,
na mete Kedar ntamadan mu!
Matena wɔn a wokyi asomdwoe
mu akyɛ dodo.
Meyɛ asomdwoe nipa;
nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.