Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 116

Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne.

Ɔtee me mmɔborɔsu.

Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti,

mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.

Owu ahama bebaree me,

ɔda ho yawdi baa me so,

ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.

Afei mebɔɔ Awurade din kae se,

“Awurade, gye me nkwa!”

Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;

ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.

Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban;

bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.

Nya abotɔyam bio, me kra,

efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.

Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu;

woamma mʼani amporow nisu,

na woamma mʼanan anhintiw

sɛ mɛnantew Awurade anim

wɔ ateasefo asase so.

Migye dii; ɛno nti mekae se,

“Mewɔ ahohia kɛse mu.”

Na mʼahokyere mu mekae se,

“Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”

Dɛn na metumi de atua Awurade ka

wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?

Mɛma nkwagye kuruwa no so

na mabɔ Awurade din.

Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so

wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.

Awurade nkoa nokwafo wu

som bo wɔ Awurade ani so.

Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo;

meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima;

woayi me afi me mpokyerɛ mu.

Mɛbɔ aseda afɔre ama wo

na mabɔ Awurade din.

Medi me ntam a maka Awurade no so

wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,

wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no,

wɔ wʼanim, Yerusalem.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.