Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 115

Ɛnyɛ yɛn, Awurade, ɛnyɛ yɛn,

na wo din na anuonyam nka,

wʼadɔe ne wo nokwaredi nti.

Adɛn nti na aman no bisa se,

“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”

Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;

nea ɔpɛ biara na ɔyɛ.

Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a

wɔde onipa nsa na ayɛ.

Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa;

wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.

Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;

wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua.

Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;

wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew.

Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu.

Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,

saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

Ao Aaronfi, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

Mo a musuro no, momfa mo ho nto Awurade so,

ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.

Awurade kae yɛn na obehyira yɛn:

Obehyira Israelfi,

obehyira Aaronfi

Obehyira wɔn a wosuro Awurade,

nketewa ne akɛse nyinaa.

Awurade mma wʼase nnɔ,

wo ne wo mma.

Awurade nhyira wo,

ɔsoro ne asase Yɛfo no.

Ɔsorosoro tɔnn yɛ Awurade de,

nanso asase de, ɔde ama onipa.

Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo Awurade

wɔn a wɔkɔ fam dinn no.

Yɛn na yɛma Awurade so

nnɛ ne daa nyinaa.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.