Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 111

Monkamfo Awurade!

Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade so

wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.

Awurade nnwuma yɛ akɛse;

wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.

Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam,

na ne trenee wɔ hɔ daa.

Ɔma yɛkae nʼanwonwade;

Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

Ɔma wɔn a wosuro no no aduan;

ɔkae nʼapam no daa.

Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,

sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.

Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ;

nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.

Etim hɔ daa daa,

nokware ne trenee mu na ɔyɛe.

Ɔde ogye maa ne nkurɔfo;

ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,

ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.

Awurade suro yɛ nyansa mfiase;

wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa.

Ɔno na daa ayeyi wɔ no.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.