Skip to content
BibleKenya

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Nnwom 110

Dawid dwom.

Awurade ka kyerɛɛ me Wura se,

“Tena me nifa so

kosi sɛ mede wʼatamfo

bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.”

Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion;

na wubedi hene wɔ wʼatamfo so.

Wʼasraafo beyi wɔn koma mu

da a wobɛkɔ ɔsa.

Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade

na wo mmabun bɛba wo nkyɛn

sɛnea obosu gugu anɔpahema.

Awurade aka ntam

na ɔrensesa nʼadwene:

“Woyɛ daapem sɔfo

sɛ Melkisedek sɛso.”

Awurade wɔ wo nifa so;

ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no.

Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano;

na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.

Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu

enti obedi nkonim.

Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu,

na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.