Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Nnwom 10
Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?
Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?
Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo,
wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.
Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho;
ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.
Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade;
ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.
Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;
na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.
Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim;
mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;
Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.
Ɔtɛw bɛn nkuraa no;
ofi ahintawee kum nea onnim hwee,
ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.
Ɔte sɛ gyata a wahintaw;
ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.
Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw;
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi;
wayi nʼani afi so na onhu.”
Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn.
Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.
Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?
Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,
“Ɔremfrɛ me akontaabu so?”
Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;
na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.
Mmɔborɔni de ne ho ma wo;
wo na woyɛ ayisaa boafo.
Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;
frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,
nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.
Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;
amanaman no bɛyera nʼasase so.
Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ;
wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,
na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,
sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu
renhunahuna bio.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020. Copyright © Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. Source: Open.Bible. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-11-09.