Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Sakaria 10

Awurade Bɛhwɛ Yudafoɔ

Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu;

ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa.

Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa,

ne mfudeɛ nso ma obiara.

Ahoni no ka nnaadaasɛm,

nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ;

wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase,

wɔma awerɛkyekyerɛ kwa.

Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan

a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.

“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie,

na mɛtwe ntuanofoɔ no aso.

Na Asafo Awurade bɛhwɛ

ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no,

na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu,

na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ,

ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu,

na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.

Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima

a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu.

Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti,

wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.

“Mɛhyɛ Yuda fie den

na magye Yosef fie no nkwa.

Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu

ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.

Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ

mempoo wɔn mpo,

na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn

na mɛgye wɔn so.

Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima,

wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã.

Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye;

wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.

Meto nsa afrɛ wɔn

aboaboa wɔn ano.

Ampa ara megye wɔn bio;

wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.

Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,

nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.

Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,

na wɔbɛsane aba.

Mede wɔn bɛfiri Misraim aba

mɛboa wɔn ano afiri Asiria.

Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,

na wɔrensene hɔ.

Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu,

nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn.

Nil mu nsuo nyinaa bɛwe

Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase

na Misraim ahempoma bɛtwam.

Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu

na ne din mu na wɔbɛnante,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.