Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom Mu Dwom 8
Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima
a wonum me maame nufu ano,
ɛna mehunuu wo wɔ abɔntene so a,
anka mɛfe wʼano,
a obiara ntumi mmu me animtiaa.
Anka mɛdi wʼanim
na mede wo aba me maame efie,
ɔno a woakyerɛkyerɛ me.
Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,
me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi.
Ne nsa benkum da mʼatikɔ
na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,
morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Nnamfonom:
Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a
ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi?
Ababaawa:
Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase;
ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ,
ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.
Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ,
sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so,
ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo,
ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena.
Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ,
sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara.
Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ;
nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ.
Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a
anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.
Nnamfonom:
Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a,
ne nufu mmobɔeɛ.
Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi
wɔ da a wɔbɛbisa no ase?
Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,
yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.
Sɛ ɔyɛ ɛpono a,
yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan.
Ababaawa:
Meyɛ ɔfasuo,
na me nufu te sɛ abantenten.
Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a
ɔde deɛ ɛsɔ ani reba.
Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;
ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ.
Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no
nnwetɛbena apem.
Nanso me bobeturo yi yɛ me dea.
Me deɛ, meremfa mma;
Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem,
na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.
Aberanteɛ:
Wo a wote turo no mu
ne nnamfonom a wɔka wo ho,
ma mente wo nne.
Ababaawa:
Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ,
na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba
anaasɛ ɔforoteɛ ba a
ɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.